Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Mommma ɛnnyɛ mo nwanwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a ɛdi akyire no, mɛnyane no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no ɛda a edi akyiri no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:44
22 Iomraidhean Croise  

Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ.


Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo.


AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na daa dɔ na mede madɔ woɔ, enti na matwe wo adɔeɛ soɔ.


Nnipa nhoma na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehoma nso, na meyɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔmema kɔnnua soɔ wɔ wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛɛ memaa no didii.


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


Na me deɛ, sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?


Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Monnnwiinwii mo mu!


Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Na ɔkaa sɛ: Yei nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya no de ama no ansa.


Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm.


ɛfiri sɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mogye no die nko, na mmom sɛ ne nti mohunu amaneɛ nso,


Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu, na ne mu na mo ne no nso anyane. Ɛnam gyidie a ɛwɔ Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no tumi adwuma so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan