Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi ɔsoro no dii wɔ sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼAgya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi ɔsoro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nananom aduane a ɛfiri ɔsoro no dii ɛserɛ so hɔ no na mmom, ɛyɛ mʼAgya. Na afei deɛ, ɔma mo aduane a ɛfiri ɔsoro a ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ no di daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m’Agya na ɔma mo nokware abodoo a efi soro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:32
14 Iomraidhean Croise  

Nanso ɔhyɛɛ ewiem tɔnn ɔsoro, na ɔhinii ɔsoro apono,


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduane afiri soro atɔ ama mo, na ɔman no mfiri adi da biara nkɔtase deɛ ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaasɛ wɔrenni so.


Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE.


Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.


Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.


Yɛn agyanom dii mana ɛserɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔmaa wɔn paanoo firi soro dii.


Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da.


Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene paanoo a ɛsiane firii soro no,


yei ne paanoo a ɛsiane firi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu.


Na me honam yɛ aduane ampa, na me mogya yɛ anonneɛ ampa.


Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan