Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ sɛ muhuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu anwanwadeɛ a meyɛeɛ no enti na morehwehwɛ me, na mmom, sɛ monyaa aduane di meeɛ no enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:26
20 Iomraidhean Croise  

na wɔn akoma deɛ, ɛntim ne ho, na wɔanni n’apam mu nokorɛ.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no.


Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔreba abɛfa no, ahyɛ no de no akɔsi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔ no so bio.


Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho.


enti nkurɔfokuo no hunuu sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafoɔ no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akodoɔ no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?


Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu.


Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie. Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no.


Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma.


ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ.


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwene mu asɛeɛ, na nokorɛ abɔ wɔn a wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adepɛdeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan