Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 6:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansini mmiɛnsa anaa ɛnan no, wɔhunuu sɛ obi nam ɛpo no so reba; yei maa ehu kaa wɔn kɔsii sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na wɔharee bɛyɛ sɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu Yesu sɛ ɔnam po no so, na ɔretwiw abɛn ɔkorow no; na wosuroe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 6:19
16 Iomraidhean Croise  

Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu, na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;


AWURADE tenaa ase wɔ nsuo a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.


Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi, ɛpo mu asorɔkyeɛ nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.


W’aharefoɔ no de wo kɔ nsuo bebree so, apueeɛ mframa bobɔ wo wɔ ɛpo ahodoɔ no mfimfini.


Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresane aba asase pɛsɛɛ so, na wɔantumi, ɛfiri sɛ na ɛpo no gu so rehuru hyia wɔn ara.


Na hwɛ, da no ara wɔn mu baanu sii mu kɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ bɛyɛ nkwansimma aduosia ase.


Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.


Nso Betania bɛn Yerusalem, ɛbɛyɛ kwansini mmienu,


Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.


na mframa kɛseɛ bɔeɛ nti, ɛpo no huruii.


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, monnsuro!


Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.


Na kuro no da ahinanan, na ne ntwemu ne ne trɛ yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro no akwansin mpem dunum. Ne ntwemu ne ne trɛ ne ne korɔn yɛ pɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan