Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 5:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu huu sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, obisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛre no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɔno na Yesu huu no sɛ ɔda hɔ na ɔtee sɛ wakyɛ no, osee no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 5:6
9 Iomraidhean Croise  

Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.


Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me din no.


W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ, w’adwamammɔ atantanneɛ, wiram nkokoɔ so, na mahunu. Due, O Yerusalem! Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio?


sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema woɔ? Na ɔkaa sɛ: Awurade, ma menhunu adeɛ.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirinhyia aduasa nwɔtwe n’ahoɔmmerɛ mu.


Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: Owura, menni onipa bi a sɛ nsuo no hono a, ɔde me kɔto tadeɛ no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi m’anim kan kɔ mu.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan