Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 5:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

46 Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Sɛ mugyee Mose dii a anka me nso mubegye me adi, efisɛ nsɛm a ɔkyerɛw no di me ho adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

46 Na sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi; na me ho nsɛm na ɔno kyerɛwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 5:46
21 Iomraidhean Croise  

Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.


Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa.


Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.


Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.


Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no.


Na sɛ monnye n’atwerɛsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?


Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:


Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu.


Na me deɛ, menam mmara no so mewu memaa mmara na matena ase mama Onyankopɔn.


Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


Enti, na mmara no yɛ yɛn hwɛfoɔ a ɛkyerɛɛ yɛn Kristo nkyɛn kwan, na ama wɔafiri gyidie mu abu yɛn bem.


Odiyifoɔ a ɔfiri wo mu a ɔfiri wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama woɔ, ɔno na montie no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan