Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nso ɔtare bi wɔ Yerusalem nguanten ponkɛse a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwironoo anum no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 5:2
14 Iomraidhean Croise  

de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.


Na ntweaso abansoro dan no ne Nnwan Pono no ntam no, sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ na wɔmiamiaa mu.


na motwaa ɛkɔ wɔ afasuo mmienu no ntam maa ɔtadeɛ dada no mu nsuo no, nanso moanhwɛ deɛ ɔyɛɛ adeɛ no, na deɛ teteete no ɔhyehyɛeɛ no, moammu no.


na Dawid kuro no mu mpaepaeɛ no, mohunuu sɛ ayɛ bebree, na moboaboaa aseɛ tadeɛ no mu nsuo ano;


Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔbɛtenaa atemmuo adwa so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛeɛ, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata.


Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraabea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ, faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu.


Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).


Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn nsuo no wosoɔ.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mayɛ adwuma baako, na yei na ɛyɛ mo nyinaa nwanwa.


Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:


Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan