Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 5:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔbuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔbuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mʼagya yɛ adwuma bere biara enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma bere biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 5:17
15 Iomraidhean Croise  

Wode w’ahoɔden de mmepɔ tintim hɔ, wode tumi amia.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


Wɔntɔn mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu baako mpo nkwati mo Agya nhwe fam.


adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me?


Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, ɛmfiri me ara me tirim na meka, na Agya a ɔte me mu no, na ɔyɛ ne nnwuma no.


Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.


Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn yɛ pɛ.


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.


Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ: Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.


Na dwumadie nso gu ahodoɔ, nanso Onyankopɔn korɔ no ara na ɔdi dwuma no nyinaa wɔn nyinaa mu.


ɛfiri sɛ ne mu na wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase soɔ, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, nhennwa oo, wuradie oo, mpaninnie oo, tumidie oo, nnoɔma no nyinaa, wɔnam ne so na ɛbɔeɛ, na wɔbɔ maa no.


Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan