Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

46 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã hɔ no bio. Ɔwɔ hɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

46 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:46
14 Iomraidhean Croise  

na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔreku wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no, na wɔsane bɛpɛɛ Nyankopɔn akyiri kwan ntɛm,


Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi, akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!


Na ɔfirii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so,


Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi!


Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.


na ɔwɔ ɔbabaa korɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia dummienu, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekorɔ no, na nkurɔfoɔ akuakuo no kyere ne so.


Yei akyiri no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n’asuafoɔ no; na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.


Na Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafoɔ no mu baanu nso wɔ hɔ.


Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana de kɔsi Sidon Kɛseɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan