Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Ne nsɛm no enti nnipa bebree gyee no diiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na nnipa pii a ɛsen kan de no gyee no dii n’asɛm nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:41
13 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


Na ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ wɔn ahodwiri. Ɛfiri sɛ na n’asɛm no kura tumi.


Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu.


na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.


Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Asomfoɔ no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.


Na wɔgyee Filipo a ɔka Nyankopɔn ahennie ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no diiɛ no, mmarima ne mmaa no maa wɔbɔɔ wɔn asu.


Na wɔn deɛ, wɔdii adanseɛ na wɔkaa Awurade asɛm no, wɔsane kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan