Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

40 Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Enti, ɛberɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔ wɔn nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

40 Enti, Samariafo no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:40
15 Iomraidhean Croise  

Na ɔbarima no kaa sɛ: Ma menkɔ, na adeɛ rekye. Na Yakob buaa sɛ: Meremma wonkɔ gye sɛ wohyira me.


Sɔ nkyerɛkyerɛ mu dendeenden, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.


Mesianee wɔn ho kakra ara pɛ no, ɛnna mehunuu deɛ me kra dɔ no no. Mesɔɔ ne mu na mannyaa ne mu kɔsii sɛ mede no mebaa me na fie ne deɛ ɔwoo me no pia mu.


O Israel anidasoɔ, wo a wogye wɔn ohia berɛ mu, ɛdeɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔhoɔ, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?


Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.


Na wɔhyɛɛ no dendeenden sɛ: Tena yɛn nkyɛn, na onwunu adwo, na adeɛ reyɛ asa. Ɛnna ɔhyɛnee mu ne wɔn kɔtenaeɛ.


Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:


Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no mu pii gyee no dii, ɛsiane ɔbaa no adanseɛ a ɔdii sɛ: Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti.


Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti,


Na nnanu akyiri no, Yesu firii hɔ kɔɔ Galilea.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Na anigyeɛ kɛseɛ baa kuro no mu.


Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan