Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ Yudafo so na nkwagye nam ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:22
20 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


wɔtwe baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitire no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo bɛsi, na yɛsom mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔdeɛ de firi Asiriahene Esar-hadon a ɔde yɛn baa ha no berɛ soɔ.


Ɔyi n’asɛm kyerɛ Yakob, ɔde n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ kyerɛ Israel.


Ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, na AWURADE na owuo mu fire wɔ no.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri, na me nkwagyeɛ renka akyi. Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion, na mede m’animuonyam mama Israel.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.


Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene,


Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.


nhoahoa wo ho dua mman no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso nhini no, na nhini no na ɛso woɔ.


Ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade pueeɛ, nso saa abusuakuo yi, Mose ammɔ din anka asɔfodie ho hwee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan