Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsuo yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛto nsuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsuo yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛto nsuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsu yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛtow nsu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:15
11 Iomraidhean Croise  

Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa? AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.


Yesu see no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha!


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Awurade, ma yɛn paanoo yi daa!


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da.


Na bɔne akatua ne owuo; na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.


Na wɔn a wɔnam honam fam no dwene honam deɛ, na wɔn a wɔnam honhom deɛ mu no dwene honhom deɛ.


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan