Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:11
10 Iomraidhean Croise  

Na bɔne mmienu na me man ayɛ: Wɔagya me a meyɛ nkwa asutire no, sɛ wɔrekɔbɔre mmura a apaepae a ɛntumi nkura nsuo.


Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyini no, wɔbɛtumi awo no? Ɔbɛtumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa?


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!


Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da.


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Na adwammaa a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn Hwɛfoɔ, na ɔde wɔn akɔ nkwa asutire ho, na Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri wɔn aniwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan