Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 3:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 3:6
25 Iomraidhean Croise  

Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set.


Na Onyankopɔn hunuu asase, na hwɛ, asɛe, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ?


Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.


a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.


Mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Ɛtwa sɛ wɔwo mo foforɔ.


Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi.


Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.


Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsodeɛ nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnso aba mma owuo.


Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase.


Na deɛ ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom baako.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo teɛ no yɛyɛ nnipa a Onyankopɔn abufuo wɔ yɛn so, te sɛ wɔn a aka no nso.


ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ne su te ne mu, na ɔntumi nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na wawo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan