Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 3:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

36 Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Deɛ ɔgye Ɔba no di no bɛnya nkwa a ɛnsa da, na deɛ ɔnnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom, Onyankopɔn asotwe da ne so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 3:36
38 Iomraidhean Croise  

Wagye me kra na ankɔ ɔsɛeɛ Amena mu, na me nkwa rehunu hann no.


Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ, wo hann mu na yɛhunu hann.


ɔbɛkɔ n’agyanom abusua mu, wɔrenhunu hann ara da.


Hwɛ, ɔbɔnefoɔ kra huhuru, ɛntene wɔ ne mu, na ɔteneneeni deɛ, ɔnam ne nokorɛdie so na ɔbɛtena ase.


Mmarima a wɔfiri Misraim baeɛ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no renhunu asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no, ɛfiri sɛ wɔanni m’akyiri anwie!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ.


ɛfiri sɛ m’ani ahunu wo nkwagyeɛ


Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no.


Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.


Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da.


Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne.


ɛfiri sɛ mmara no twe abufuo ba. Na deɛ mmara bi nnie no, mmarato nso nni hɔ.


Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu.


Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.


Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nnoɔma no nti na Nyankopɔn abufuhyeɛ ba wɔn a wɔyɛ asoɔden soɔ.


na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuo, na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nti yɛmmɛnya nkwagyeɛ.


Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no?


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Na ɛhefoɔ na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛne n’ahome mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no anaa?


Na yɛhunu sɛ ɔgyeɛ a wɔannye annie nti, wɔantumi anhyɛn n’ahomegyeɛ no mu.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan