Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 3:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n’adanseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n’adanseɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate, nanso obiara nnye no nni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 na nea wahu na wate no, ɛno ho adanse na odi; na obi nnye n’adanse no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 3:32
13 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ, mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ? Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ, anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu? Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we, mema nsubɔntene danedane anwea pradada so nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ, na sukɔm kuku wɔn.


Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na AWURADE basa no, hwan so na ada adie ama no ahunu?


Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no.


Ɔbaa ɔno ara ne deɛ mu, na wɔn a wɔyɛ ɔno ara ne deɛ annye no.


Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no.


Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.


Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ.


Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa.


Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan