Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 3:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 3:19
33 Iomraidhean Croise  

afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ kɔnante sum akwan soɔ no ho,


Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie.


sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ,


Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, nsoa fitaa bi wɔ wedeɛ no mu a adane nwi no fitaa, na ɛnam mono repu nsoaeɛ no mu a,


Yei na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe.


Na akoa no a ɔnim deɛ ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii.


Na Farisifoɔ no a wɔyɛ sikapɛfoɔ tee yeinom nyinaa; na wɔseree no.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni no so.


Afei ne wiase atemmuo; afei na wɔbɛyi wiase sodifoɔ no hɔ.


ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam sene Nyankopɔn animuonyam.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.


Na wɔnim Nyankopɔn ahyɛdeɛ yie sɛ owuo na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi deɛ, nanso ɛnyɛ yɛ nko ara na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa adeɛ no bi no so.


Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so.


na wɔabu wɔn a wɔannye nokorɛ annie na mmom wɔn ani asɔ deɛ ɛntene no nyinaa atɛn.


ne suntiboɔ ne suntiduatoɔ botan ama wɔn. Wɔn na wɔsunti, ɛfiri sɛ wɔntie asɛm no. Ɛno nti na wɔyii wɔn maeɛ.


Monhunu yei kane sɛ, nna a ɛdi akyire no mu, fɛdifoɔ a wɔdi wɔn ara wɔn akɔnnɔ akyire de fɛdie bɛba


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan