Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 21:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɛyɛ Awurade.” Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 21:7
20 Iomraidhean Croise  

AWURADE na ɔmaa yei yɛeɛ, ɛyɛ nwanwa yɛn ani so.


Nsuo pii ntumi nnum ɔdɔ, na nsubɔntene ntumi nsram so; sɛ obi de ne fie adedodoɔ nyinaa ma de tɔ ɔdɔ mpo a, wɔremmu no hwee.


Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn na moreyɛ yei a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode no aba ha.


Mommɔ abɔsoɔ, na momma mo akanea nnɛre;


sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.


Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;


Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni!


Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.


Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no?


Oyi ne osuani a ɔdi yeinom ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom no; na yɛnim sɛ n’adanseɛ no yɛ nokorɛ.


Na asuafoɔ a aka no nam kodoɔ kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ basafa ɔha, na wɔtwee asau no ne mpataa no.


Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.


Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.


Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; ɛfiri sɛ yɛbu atɛn sɛ, ɔbaako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan