Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 21:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Ɛnna asɛm yi trɛɛ anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ɔse: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifo no mu pii susuw sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso na ɛnyɛ nea Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, bere a ɔkae se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifoɔ no mu pii susuu sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso, na ɛnyɛ deɛ Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Ɛnna asɛm yi trɛwee anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ose: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 21:23
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: Hwɛ, AWURADE ho suro, ɛno ne nyansa, na bɔne ho dwanneɛ ne nhunumu.


Adɛn nti na wo ne no ham, sɛ ɔmmua ne nsɛm nyinaa ho?


na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Na nna yi mu Petro sɔre gyinaa anuanom no mfimfini (na nkurɔfokuo a wɔahyia faako no bɛyɛ nnipa ɔha aduonu) na ɔkaa sɛ:


Ɛhɔ na yɛhunuu anuanom bie, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Na yɛfiri hɔ kɔduruu Roma.


Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;


Na da biara a mobɛdi paanoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wuo no mu ka kɔsi sɛ ɔbɛba.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Nnoɔma a ahunta yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na deɛ wɔayi no adie no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kɔsi daa, sɛ yɛnni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.


Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.


Nanso deɛ mowɔ no, monsɔ mu den nkɔsi sɛ mɛba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan