Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 21:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwammaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwammaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Wodidi wiei no, Yesu bisaa Simon Petro se, “Yohane ba Simon, wodɔ me sen sɛnea eyinom dɔ me no ana?” Petro buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguamma.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?” Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Ɛnna wodidi wiei no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguammaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 21:15
49 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛ ne nnwan ne anantwie a wɔma nufoɔ ka me ho, na sɛ wɔpia wɔn dodo da koro a, nnwankuo no nyinaa bɛwuwu.


na ɛdeɛn na Dawid nkɔ so nka nkyerɛ wo bio? Na wo na wonim w’akoa, O AWURADE Nyankopɔn.


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Na mɛsisi wɔn so ahwɛfoɔ na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn akoma rentu, na wɔn mu bi renyera, AWURADE asɛm nie.


Na mɛma mo ahwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ, na wɔde nhunumu ne nimdeɛ ayɛne mo.


Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ;


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne aduanenoa adan a efie no mu asomfo no nnoa ɔmanfoɔ no kum afɔdeɛ wɔ hɔ.


Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da.


Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo. Saa ara na asuafoɔ no nyinaa nso kaeɛ.


Na Petro see no sɛ: Sɛ ɛbɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua.


Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.


Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidie. Na wo deɛ, sɛ daakye, sɛ wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro).


Petro see no sɛ: Awurade, ɛdeɛn nti na mentumi menni w’akyi seesei? Mede me nkwa bɛto hɔ ama wo.


na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.


Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafoɔ no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hwan? Na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade.


Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me.


Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.


Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa.


Deɛ ɔyɛ mmerɛ gyidie mu no, monnye no, na mmom mo ne no nham wɔ deɛ n’adwene kyerɛ no ho.


Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ na yɛansɔ yɛn ara ani.


Ɛnneɛ na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛ, a ne nti Kristo wuiɛ no bɛyera.


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara woso wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradɛtoɔ mu, anifire a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛeɛ mu,


Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho nte kyema dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,


na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu,


Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.


Yɛdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kane.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan