Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafoɔ no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hwan? Na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafoɔ no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hwan? Na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedidi.” Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdidi.” Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafo no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hena? Na wonim sɛ ɛyɛ Awurade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 21:12
9 Iomraidhean Croise  

Na obiara antumi ammua no asɛm biara, nanso ɛfiri da no, obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.


Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.


Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.


Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔrepɛ abisa no, na ɔsee wɔn sɛ: Yei ho na mobisabisa wɔ mo mu sɛ mekaa sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me.


Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asau no baa asase so; na mpataa akɛseɛ ɔha aduonum mmiɛnsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso saa deɛ, nanso asau no antete.


Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwammaa!


Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi?


ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefoɔ a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dada no, ɛne yɛn a ne sɔreɛ a ɔsɔre firii awufoɔ mu no akyiri no, yɛne no didiiɛ na yɛnomeeɛ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan