Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: Monnye Honhom Kronkron!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: Monnye Honhom Kronkron!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔhome guu wɔn so kae se, “Honhom Kronkron no mmra mo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:22
17 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.


Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa.


Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa,


Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;


Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.


Wɔn a mode wɔn bɔne kyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a momma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama no atena hɔ.


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Obi bɛtumi asi nsuo ho kwan sɛ wɔmmmɔ yeinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa?


ɔbisaa wɔn sɛ: Mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn mpo sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.


Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no.


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitire ne mpanimfoɔ!


Na wɔbaeɛ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn sɛ wɔnnya Honhom Kronkron;


Yei nko ara na mepɛ sɛ mete firi mo anomu: Monam mmara nnwuma so na monyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidie (asɛmpa) a moteeɛ no so?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan