Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu san kyiaa wɔn bio se, “Asomdwoe nka mo!” Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:21
20 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Na wɔrekasa saa no, ɔno ara ankasa bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye obi a mesomaa no no, ɔgye me; na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no.


Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.


Ɛnna da a ɛdi nnawɔtwe kan no ara, ɛduruu anwummerɛ na Yudafoɔ ho hu nti wɔatoto apono mu faako a asuafoɔ no ahyia hɔ no, Yesu ba bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔsee wɔn sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na ɔsee wɔn sɛ: Monnye Honhom Kronkron!


Na ɛno akyiri nnawɔtwe, na n’asuafoɔ no wɔ ɛdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso na apono no mu atoto, na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase.


de bɛsii da a ɔnam Honhom Kronkron soɔ maa asomafoɔ a ɔyii wɔn no ahyɛdeɛ, na wɔfaa no kɔɔ soro no ho.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.


Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu


Na m’ani da so sɛ mɛhu mo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan