Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ohuu saa no ɔde ahoɔhare kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afi ɔda no mu na minnim faako a wɔde no akɔto!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhunuu saa no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afiri ɛda no mu na mennim faako a wɔde no akɔto!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:2
9 Iomraidhean Croise  

Na asuafoɔ no mu baako a Yesu dɔ no no twere Yesu koko mu;


Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni!


Na wɔbisaa no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔafa me wura kɔ, na mennim faako a wɔde no akɔtoɔ.


Yesu see no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan? Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, na menkɔfa no!


Na na wɔnnya nhunuu twerɛsɛm no, sɛ ɛtwa sɛ ɔsɔre firi awufoɔ mu no.


Ɛnna Petro danee n’ani no, ɔhunuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ ɔdi wɔn akyire, ɔno na ɔtweree ne kokom adidie no ase a ɔkaa sɛ: Awurade, hwan ne deɛ ɔbɛyi wo ama no?


Oyi ne osuani a ɔdi yeinom ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom no; na yɛnim sɛ n’adanseɛ no yɛ nokorɛ.


Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan