Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu frɛɛ no se, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, “Rabuni!” (a ase ne “Kyerɛkyerɛfo”).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:16
26 Iomraidhean Croise  

Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie.


Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: Abraham, Abraham! Na ɔse: Menie.


Na hwɛ, mo ani ahunu, na me nua Benyamin nso ani ahunu sɛ m’ano na mede mekasa mekyerɛ mo yi.


Na AWURADE hunuu sɛ wamane rehwɛ no, ɔfiri nkyɛkyerɛ no mu frɛɛ sɛ: Mose, Mose! Na ɔbuaa sɛ: Menie!


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, ɛfiri sɛ woanya m’anim adom, na mede wo din menim wo.


Mesianee wɔn ho kakra ara pɛ no, ɛnna mehunuu deɛ me kra dɔ no no. Mesɔɔ ne mu na mannyaa ne mu kɔsii sɛ mede no mebaa me na fie ne deɛ ɔwoo me no pia mu.


Me deɛ, medae, nanso na m’akoma anyane. Tie! me dɔfoɔ na ɔrebom sɛ: Hini me, me nuabaa, me dɔfoɔ, m’aburuburo a wodi mu; na obosuo ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔeɛ ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.


Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!


Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ? Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!


Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ: Morehwehwɛ deɛn? Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ?


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.


Na ɔkaa saa no, ɔsii mu kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no aba, na ɔrefrɛ wo.


Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.


Na wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔsee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?


Ɛbɛyɛ awia nnɔnmmiɛnsa no, ɔhunuu anisoadeɛ pefee sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Kornelio!


Na ɔhwee fam, na ɔtee nne bi a ɛka kyerɛɛ no sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?


Na AWURADE ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.


Na AWURADE frɛɛ no bio, Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na Eli se: Memfrɛɛ wo, me ba, sane kɔda.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan