Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan? Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, na menkɔfa no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Worehwehwɛ hwan? Na ɔno deɛ, ɔsusuu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ nti, ɔsee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afiri ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔtoɔ, na menkɔfa no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu bisaa no se, “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?” Na Maria de, osusuw sɛ ɛyɛ turo mu hɔ hwɛfo nti obisaa no se, “Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?” Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, “Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:15
12 Iomraidhean Croise  

Yei deɛ, mɛsɔre makyini kuro mu, mmɔntene so ne dwamu. Mɛhwehwɛ deɛ me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.


O mmaa mu ɔhoɔfɛni, ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ? Ɛhe na wo dɔfoɔ no adane ne ho afa, na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!


Na wɔsusuu sɛ wafra nnipakuo no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ mu.


Na ehu kaa wɔn maa wɔsisii wɔn tiri ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefoɔ awufoɔ mu yi?


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ: Morehwehwɛ deɛn? Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ?


Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan?


Ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hwan? Na wɔse: Yesu, Nasareni no.


Na wɔbisaa no sɛ: Ɔbaa, adɛn na woresu? Ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ wɔafa me wura kɔ, na mennim faako a wɔde no akɔtoɔ.


mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan