Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Kwasida anɔpahema na Maria Magdalene sɔre kɔɔ ɔda no so kohuu sɛ obi apirew ɔbo no afi ɔboda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Kwasiada anɔpahema, Maria Magdalene sɔre kɔɔ da no so kɔhunuu sɛ obi apire ɛboɔ no afiri ɔboda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:1
19 Iomraidhean Croise  

na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.


Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.


Enti ma wɔnkɔwɛn ɛda no yie nkɔduru da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na asuafoɔ no ammɛwia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyane afiri awufoɔ mu; na anka akyire yi nnaadaa bɛkyɛne kane deɛ no.


Na wɔkɔ kɔsɔɔ ɔboɔ no ano maa awɛmfoɔ no wɛnee ɛda no.


Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no.


Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so.


Na ɔtɔɔ nwera bi, na ɔyii no de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔbotan bi mu, na ɔmunii ɛboɔ hinii ɛda no ano.


[Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.


Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano.


Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Enti asraafoɔ no na ɛyɛɛ yeinom. Nso na Yesu ne na ne ne na nuabaa, Maria, Klopa yere ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho.


Na ɛno akyiri nnawɔtwe, na n’asuafoɔ no wɔ ɛdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso na apono no mu atoto, na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: Asomdwoeɛ nka mo!


Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.


Daa, nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, mo mu biara mfa deɛ ɛbɛsi no yie ama no anya no nsie, na mamma ansa na wɔayi toɔ no.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan