Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 19:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 na ɔhyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: Wofiri he? Na Yesu ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔsane kɔɔ ahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Nanso Yesu ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na ɔhyɛn amrado aban no mu bio, na osee Yesu sɛ: Wufi he? Na Yesu ammua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 19:9
18 Iomraidhean Croise  

Wɔhyɛɛ no aniɛyaa na wɔpiraa no, nanso ɔno deɛ wammue n’ano, sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no, sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no, saa no wammue n’ano.


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!


Ɛnna amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafoɔkuo no nyinaa bɛhyiaa n’anim.


Na ɔbisabisaa no nsɛm bebree, nanso wammua no.


Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no.


Ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa?


Yesu buaa no sɛ: Ɛfiri wo ara wo tirim na woka yei, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ?


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu anaa?


Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, ɔsuroo pii,


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefire ne faako a merekorɔ; na mo deɛ, monnim deɛ mefire ne deɛ merekorɔ.


na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn,


Ɛnna ɔbaa no ba bɛka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Nyankopɔn nipa bi aba me nkyɛn, na n’anim yɛ hu pa ara sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ anim, na mammisa no deɛ ɔfire, na ɔno nso ankyerɛ me ne din.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan