Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 19:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

40 Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuro kyekyeree ne ho, sɛdeɛ Yudafoɔ amusie teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ ɛkwan a wɔfa so sie wɔn amu no teɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

40 Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛnea Yudafo amusie te no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 19:40
9 Iomraidhean Croise  

Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduro sɛ wɔnhyɛ n’agya mu aduro. Na wɔhyɛɛ Israel mu aduro.


Na wɔsiee no n’asieeɛ a ɔbɔre faeɛ, Dawid kuro mu no mu. Na wɔde no too mpa a nnuhwam ahodoɔ a wɔafra no nnufrafoɔ kwan soɔ ayɛ so ma no so, na wɔhyee gya kɛseɛ pa maa no.


Na sɛ wahwie ngo hwamhwam yi agu me nipadua soɔ yi, wayɛ ama me sie.


Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da.


Na Petro deɛ, ɔsɔre tutuu mmirika kɔɔ ɛda no so, na ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ɔhunuu nwera no sɛ ɛgu fa, na ɔfirii hɔ kɔɔ fie, na deɛ asie no yɛɛ no nwanwa.


Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ.


Ɛnna Yesu kaa sɛ: Monnyaa no, na ɔde yei asie ama me sie da.


Na mmeranteɛ no sɔre kyekyeree no, na wɔde no firii adi kɔsiee no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan