Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 19:4
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.


Na Pilato hunuu sɛ ɔntumi nyɛ ho hwee na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsuo hohoroo ne nsa nkurɔfokuo no anim kaa sɛ: Medi bem wɔ onipa tenenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ.


Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Ɛnna wɔse: Ɛfa yɛn ho bɛn? Wo ara w’asɛm!


Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!


Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.


Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.


Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.


Ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa?


Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ? Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteateaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Na monim sɛ ɔno deɛ, ɔyii ne ho adi sɛ ɔrebɛyi bɔne akɔ, na bɔne nni ne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan