Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 19:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ wɔn ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ wɔn ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asennua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asennua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so na ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 19:18
11 Iomraidhean Croise  

Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbom ba me so, wɔahwire me nsa ne me nan mu.


Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.


Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso didii no atɛm.


(Ɛbaa saa no, na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)


Ɛnna asraafoɔ no ba bɛbubuu deɛ ɔdi kan no nnyawa ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ wɔn ne Yesu asɛnnua mu no deɛ.


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan