Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 18:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Saa bere no na ɛyɛ awɔwbere, enti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Nso nkoa ne asomfo no gyinagyina hɔ asɔ ogya, efisɛ awɔw aba, na wɔreto; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 18:18
16 Iomraidhean Croise  

Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu. Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa, na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie.


Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,


Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.


Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.


na ɔhunuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa kaa sɛ: Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!


Ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ.


Na wɔsii fam no, wɔhunuu nnyansramma a ɛnam gu soɔ ne paanoo.


Na wɔgyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ara wɔn fekuo mu, na wɔbɛkaa deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.


Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekuo bɔne sɛe ɔbra pa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan