Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 18:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Asraafoɔ no ne wɔn panin ne asɔredan mu awɛmfoɔ no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 18:12
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so.


Na ɔde wɔn kɔguu afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin no fie, faako a Yosef da hɔ.


AWURADE ne Onyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa dua mman ntwa afahyɛ asefoɔ no ho nhyia nkɔduru afɔrebukyia no mmɛn ho.


Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa hɔ, faako a Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyia no.


Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa.


Ɛnna amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔmaa asraafoɔkuo no nyinaa bɛhyiaa n’anim.


Na wɔde Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no nkyɛn, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nyinaa bɛhyiae.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na wɔkyere no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin fie. Na Petro deɛ, ɔdii wɔn akyi wɔ akyirikyiri.


Ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ.


Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.


Na wɔrehwehwɛ aku no no, asɛm no kɔduruu asraafoɔ apem so safohene no aso mu sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka.


Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ: Mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ woɔ? Na ɔse: Wonim Hela kasa anaa?


Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroo sɛ ebia wɔbɛtete Paulo mu nti, ɔhyɛɛ asraafoɔ no sɛ wɔnsiane mmɛhwim no mfiri wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu.


Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan