Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 17:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mawie adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ nam so ada wʼanuonyam adi akyerɛ wɔ asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 17:4
13 Iomraidhean Croise  

Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ.


Agya, hyɛ wo din animuonyam! Ɛnna ɛnne bi firi soro baeɛ: Mahyɛ no animuonyam dada, na mɛhyɛ no bio.


Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu.


Nanso meyɛ sɛdeɛ Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yɛmfiri ha nkɔ!


Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.


Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.


Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Mawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.


Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me.


Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu ntira.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidie no, makora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan