Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 17:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 17:3
52 Iomraidhean Croise  

Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara.


Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


Na deɛ ɔhu me no hunu nkwa, na ɔnya AWURADE hɔ anisɔ;


Montwe mpini me, montie yei. Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ; ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Obiara a ɔbɛgye saa mmɔfra yi mu baako me din mu no, gye me; na obiara a ɔbɛgye me no, ɛnyɛ me na ɔgye me, na deɛ ɔsomaa me no.


na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgye abɔfra yi me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no. Na deɛ ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno na ɔbɛyɛ kɛseɛ.


adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me?


Na me deɛ, menim sɛ wotie me daa; na nkurɔfokuo a wɔgyina hɔ no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.


Sɛdeɛ wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.


Agya Tenenee, wiase anhu wo, na me deɛ, mahu wo, na yeinom ahunu sɛ wo na wosomaa me;


ɛfiri sɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahunu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase.


Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?


Sɛdeɛ Agya a ɔte aseɛ no somaa me na Agya no nti mete aseɛ no, saa ara nso na deɛ ɔdi me honam no nso, me nti ɔbɛtena aseɛ.


Na me deɛ, menim no; ɛfiri sɛ mefiri ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buaa sɛ: Monnim me, na monnim m’Agya nso; sɛ monim me a, anka monim m’Agya no nso.


Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka yei mehyɛ mo aniwuo.


Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Na anka mahu no yie, ne ne wusɔreɛ tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wuo no,


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mogyee yɛn too mu, ne sɛdeɛ modane firii ahoni ho aba Nyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefoɔ nokwafoɔ,


na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were.


Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu


Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo, Nyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.


Sɛdeɛ ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nnoɔma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, deɛ ɔnam animuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.


Na sɛ yeinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafoɔ ne wɔn a wɔnso aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.


na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,


deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Obiara a ɔpo Ɔba no, ɔnni Agya no nso, na deɛ ɔpae mu bɔ Ɔba no din no, wɔ Agya no nso.


Yɛn deɛ, yɛfiri Nyankopɔn mu. Deɛ ɔnim Nyankopɔn no tie yɛn, na deɛ ɔmfiri Onyankopɔn mu no ntie yɛn. Yei mu na yɛhunu nokorɛ honhom ne nnaadaa honhom.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan