Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 17:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn kronkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 17:17
23 Iomraidhean Croise  

Na afei, O AWURADE Nyankopɔn, wo ara wone Onyankopɔn, na wo nsɛm yɛ nokorɛ, na wode adepa yi ahyɛ w’akoa bɔ,


Wo nsiesieeɛ mu na menya nhunumu, enti mekyiri nkontompo kwan nyinaa.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


W’adansesɛm yɛ tenenee daa, ma me nteaseɛ, na mennya nkwa.


W’asɛm ntoano yɛ nokorɛ, na wo tenenee atemmuo nyinaa wɔ hɔ daa.


Ɛdeɛn na aberanteɛ de bɛte ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛdeɛ wo nsɛm seɛ.


AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron, te sɛ dwetɛ a wɔanane no ananeeɛ a asene fam a wɔayiyi mu mprɛnson.


Na ɛbɛ no ni: Aba a wɔguo no ne Nyankopɔn asɛm.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi.


Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron nokorɛ mu.


na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ.


na afei morehwehwɛ me aku me, me a maka mo nokorɛ a mate no Nyankopɔn nkyɛn no. Yei deɛ, Abraham anyɛ saa.


na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.


sɛ ampa ara sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛdeɛ Yesu mu nokorɛ teɛ no.


sɛ ɔde nsuo adwareɛ bɛte ne ho wɔ asɛm no mu, ayɛ no kronkron,


Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu.


Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan