Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 17:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu kaa saa nsɛm yi wiee no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpae se, “Agya, bere no adu. Hyɛ wo Ba no anuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɛberɛ no aduru. Hyɛ wo Ba no animuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 17:1
20 Iomraidhean Croise  

Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ, wo a wote soro no,


Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn, medii abooboo sɛ aburuburo; m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ: O AWURADE, me ho kyere me, di ma me!


Na ɔbaa ne mprɛnsa so, na ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, monna, na monhome! Adɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ wɔreyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.


Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.


Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam.


Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ.


Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkuro mu, na moagya me nko; nanso ɛnkaa me nko, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.


Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan