Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 efisɛ Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 ɛfiri sɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, ɛfiri sɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mefiri Onyankopɔn nkyɛn na mebaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 na Agya no ankasa dɔ mo, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi Nyankopɔn nkyɛn na mebae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:27
26 Iomraidhean Croise  

AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu no yɛ ɛdɔnkunini, ɔgyefoɔ; ɔde anigyeɛ bɛdi wo ho ahurisie, ɔde dɔ bɛyɛ wo foforɔ, ɔde nnwom bɛbɔ se wɔ wo ho.


Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.


Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.


Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.


Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Na me deɛ, menim no; ɛfiri sɛ mefiri ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me.


Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu


Onipa a ɔdi kan no firi fam yɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.


Sɛ obi mpɛ Awurade Yesu Kristo asɛm a, ɔnnue! Marana-ta (Yɛn Awurade, bra!).


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; ɛfiri sɛ yɛbu atɛn sɛ, ɔbaako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho nte kyema dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Na deɛ Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso, na ɔhwe ɔba biara a ɔgye no.


Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,


Yɛdɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kane.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan