Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Ebesi saa bere yi momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Ɛbɛsi saa ɛberɛ yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mommisa na wɔde bɛma mo na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:24
17 Iomraidhean Croise  

Na Yakob kaa sɛ: M’agya Abraham Nyankopɔn ne m’agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wosee me sɛ: Sane kɔ w’asase so ne w’abusua mu, na mɛyɛ wo yie no,


Na afɔrebɔberɛ mu no, Odiyifoɔ Elia twe pinii, na ɔkaa sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wɔnhunu sɛ wo na wone Onyankopɔn Israel mu, na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ adeɛ yi nyinaa.


Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpaeɛ sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko wone Onyankopɔn asase so ahennie nyinaa mu; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte,


Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni.


Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me deɛ, mɛyɛ.


Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.


na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.


Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ.


Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ mabrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire metwerɛ. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan