Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ saa da no du a moremmisa me biribiara. Mereka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Sɛ saa da no duru a, moremmisa me biribiara. Mereka nokorɛ akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bɛbisa no bɛma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:23
22 Iomraidhean Croise  

Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Na biribiara a mobɛbisa mpaebɔ mu na mogye die no, mobɛnya.


Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.


Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.


Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?


Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no?


Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔrepɛ abisa no, na ɔsee wɔn sɛ: Yei ho na mobisabisa wɔ mo mu sɛ mekaa sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me.


Da no na mobɛsrɛ wɔ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mɛbisa Agya no mama mo,


Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.


ɛfiri sɛ ne so na yɛn baanu nyinaa nam honhom baako mu anya kwan kɔ Agya no nkyɛn.


Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafoɔ bi, Agya no nkyɛn, ɔno ne Ɔteneneeni Yesu Kristo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan