Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren yɛ mo awerɛhow bere, nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Seesei deɛ, mo werɛ aho. Nanso, mɛhunu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigyeɛ no mfiri mo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:22
40 Iomraidhean Croise  

Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,


Mete ase yi, mɛyi AWURADE ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.


Na ne mu na yɛn akoma bɛtɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduane ne nsa ne ngo ne nnwammaa ne anantwie ho, na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.


Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no.


adeɛ baako na ɛhia: Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ no, ɛno na wɔrennye ne nsam.


Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ.


Na mese mo sɛ: Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no; na deɛ ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.


Na anigyeɛ nti wɔda so nnye nni na ɛyɛɛ wɔn nwanwa no, ɔbisaa wɔn sɛ: Mowɔ aduane bi wɔ ha anaa?


Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni.


Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.


Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.


Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.


Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.


Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


Na asuafoɔ no deɛ, anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.


Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ.


Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,


Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan