Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɛnna n’asuafoɔ no mu binom kekaa no wɔn mu sɛ: Ɛdeɛn na ɔse yɛn yi sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me, ne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan kaa bio se, ‘Efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Asuafoɔ no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Yei ase ne sɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Aka kakra bi morenhunu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛre koraa na moasane ahunu me.’ Ɔsane kaa bio sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɛnna n’asuafo no mu binom kekae wɔn mu sɛ: Dɛn na ose yɛn sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me, ɛne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:17
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn?


Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.


Na wɔn deɛ, wɔante yeinom biara ase, na asɛm yi ahunta wɔn, na wɔanhunu deɛ ɔkaeɛ no.


Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.


Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.


Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebɛyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?


Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no?


Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti.


Aka kakraa bi na monhu me; na bio aka kakraa bi mobɛhu me.


Ɛnna asuafoɔ no se: Ɛdeɛn ne deɛ ɔka yi sɛ: Aka kakraa bi? Yɛnte deɛ ɔreka yi ase.


Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔrepɛ abisa no, na ɔsee wɔn sɛ: Yei ho na mobisabisa wɔ mo mu sɛ mekaa sɛ: Aka kakraa bi na monhu me, na bio aka kakraa bi mobɛhu me.


Na afei deɛ, merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekorɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan