Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam; ɛfiri sɛ, ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam; ɛfiri sɛ ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔbɛhyɛ me animuonyam, ɛfiri sɛ, ɔbɛtie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me anuonyam; efisɛ ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:14
20 Iomraidhean Croise  

Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;


Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.


Enti merema mo ahunu sɛ, obiara a ɔnam Nyankopɔn honhom mu kasa no mfrɛ Yesu abusudeɛ; na obiara ntumi mfrɛ Yesu Awurade, gye sɛ Honhom Kronkron so.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Na yɛn deɛ, yɛnam honhom so, firi gyidie mu, twɛn tenenee anidasoɔ.


Enti mo a mogye no die no, deɛ ɔsom boɔ no yɛ mo dea. Na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, ɔboɔ a abantofoɔ apa no na ayɛ tweaso tiboɔ


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsuo nko mu, na mmom ɛyɛ nsuo ne mogya mu. Na honhom no na ɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ honhom no ne nokorɛ no.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan