Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 15:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua mman a wɔatwa atow akyene a so nni mfaso; ɛwo a wɔboaboa ano de gu ogya mu hyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua aban a wɔatwa ato atwene a ɛho nni mfasoɔ; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu ogya mu hye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 15:6
20 Iomraidhean Croise  

Na onipa a ɔrebɛka no no, wɔde dadeɛ ne pea dua ma no ma no de mia, na ɛhyeɛ ara na wɔde ogya bɛhyeɛ ama no asa koraa.


Ɔremfiri sum mu mfi, ogyaframa bɛma ne nnuaban adwan, na n’anomu mframa bɛpra ne nhyerɛne akɔ;


na bɛwowa deɛ wo nifa tɛeɛ no, ne ɔba a woafa no ayɛ wo deɛ no pintinn.


na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu atwene sɛ duban a wɔapoɔ; sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ, sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ.


Na kuro a ɛyɛ den no ada mpan ayɛ tenabea a wɔato no sraha na wɔagya no sɛ ɛserɛ soɔ; ɛhɔ na anantwie mma didie, na ɛhɔ na wɔbutubutu wie ne mman no weɛ.


Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


Na ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔredan mu, firii hɔ kɔe, na ɔkɔsɛnee ne mene.


Nanso wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.


Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.


na mmom deɛ aka ne atemmuo akwanhwɛ a ɛyɛ hu bi, ne ogya a ɛrebɛhye atamfoɔ no pasaa.


Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so adwane wiase fi, na wɔtoatoa wɔ mu bio di nkoguo a, wɔn akyire asetena adane wɔn bɔne akyɛne kane deɛ no.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan