Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 15:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ nnoɔma a mate no m’Agya nkyɛn nyinaa maka makyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ maka biribiara a mete fii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ, akoa nnim deɛ ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ, maka biribiara a mete firii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura reyɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’Agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 15:15
32 Iomraidhean Croise  

AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.


Ampa ara, AWURADE Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ no ansa.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.


Na ɔdanee ne ho kyerɛɛ asuafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn nko sɛ: Nhyira ne ani a ɛhunu deɛ mohunu yi;


Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wɔbɛdi mo deɛ so bi.


Mewɔ nsɛm pii meka mekyerɛ mo, nanso montumi nsoa seesei.


na mayi wo din makyerɛ wɔn, na mɛyi makyerɛ. Na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu.


Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.


Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase.


ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Na deɛ meyɛ no, menhunu; ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ mekyire no, ɛno na meyɛ.


Na hwan na wahunu Awurade adwene a ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ.


a awoɔ ntoatoasoɔ bi mu, wɔamma nnipa mma anhunu, sɛdeɛ wɔayi no adi nnansa yi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron, wɔ honhom mu,


Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ.


ɛnyɛ sɛ akoa bio, na mmom deɛ ɔsene akoa, sɛ onua dɔfo a ɔyɛ ma me titire, na kampɛsɛ wo, honam ne Awurade fam.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.


na atwerɛ a ɛse: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wɔbuu ɛno tenenee maa no, na wɔfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo no baa mu.


Wɔhwehwɛɛ berɛ ko ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɛbɛba no ho.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan