Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 14:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dadadada yi, monhunuu me anaa, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no, na adɛn nti na wose: Kyerɛ yɛn Agya no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Yesu buaa no se, “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaada yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dedaadaw yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu Agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn Agya no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 14:9
16 Iomraidhean Croise  

Na Abimelek frɛɛ Isak sɛ: Hwɛ, ampa ara ɔyɛ wo yere, na ɛyɛɛ dɛn na wose: Ɔyɛ me nua yi? Na Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiri sɛ medwenee sɛ: Anyɛ saa a, ne nti mɛwu.


AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.


Ɛyɛ dɛn na woka sɛ: Me ho nguu fi, Baalim akyiri nso mennii? Hwɛ wo kwan bonhwa no mu, hunu deɛ woayɛ. Yomabereɛ a wagyigya, a ɔkontonkonton ne kwan,


Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!


Nyaatwomfoɔ! Monim asase ne ɔsoro ani nnoɔma asekyerɛ, na adɛn na monhunu berɛ yi asekyerɛ?


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Me ne Agya no yɛ baako.


na deɛ ɔhu me no, hunu deɛ ɔsomaa me no.


Da no ara mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.


Sɛ monim me a, anka moahunu m’Agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no.


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buaa sɛ: Monnim me, na monnim m’Agya nso; sɛ monim me a, anka monim m’Agya no nso.


Na sɛ wɔka no Kristo ho sɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu a, adɛn na mo mu binom ka sɛ: Awufoɔ sɔreɛ nni hɔ?


Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ, nanso wannyina so ketee sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,


Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan