Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 14:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi ma mo a, mɛsan aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 14:3
20 Iomraidhean Croise  

Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me.


Na faako a merekorɔ no, monim kwan no.


Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


na wɔkaa nso sɛ: Galilea mmarima, adɛn na mogyina ha rehwɛ soro yi? Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ soro yi, ɔbɛba saa ara, sɛdeɛ mohu no sɛ ɔrekɔ soro yi.


Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.


Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara;


na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no teɛ.


Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan