Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 14:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Obiara a odi mʼahyɛde so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 14:21
43 Iomraidhean Croise  

Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.


Wɔn a me tenenee sɔ wɔn ani no, ma wɔnni ahurisie na wɔn ani nnye; ma wɔnka daa sɛ: Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ, sɛ n’akoa yiedie sɔ n’ani.


Na Mose kaa sɛ: Ɛnneɛ, ma menhunu w’animuonyam.


Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ.


AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu no yɛ ɛdɔnkunini, ɔgyefoɔ; ɔde anigyeɛ bɛdi wo ho ahurisie, ɔde dɔ bɛyɛ wo foforɔ, ɔde nnwom bɛbɔ se wɔ wo ho.


Na ɔno deɛ, ɔkaa sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


Merennya mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam; ɛfiri sɛ, ɔbɛfa me deɛ bi na ɔde abɛkyerɛ mo.


na Agya no ara dɔ mo, ɛfiri sɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mefiri Agya no nkyɛn na mebaeɛ.


Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.


na mehunuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, ɛfiri sɛ wɔrennye w’adanseɛ a wobɛdi no me ho no.


Yei nti mesrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ ɛmfiri me so;


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.


Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.


Na sɛ motie me mmara nsɛm a mede merema mo nnɛ yi, sɛ mode mo akoma nyinaa bɛdɔ AWURADE mo Nyankopɔn na moasom no a,


na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔre, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom sɛ ɔde bɛma woɔ no so.


Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.


Na obiara a ɔdi n’asɛm soɔ no, ampa ara, ɔno mu na Nyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Yei na yɛde hunu sɛ yɛwɔ ne mu.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de adɔ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Yei nti wiase nhu yɛn, ɛfiri sɛ ɛnhunuu no.


Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den.


Na yei ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ no teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ, sɛ monnante mu.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan