Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 14:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Tenabea bebree wɔ mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 14:2
25 Iomraidhean Croise  

Na akoa no se: Owura, mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no, nanso ɛfa da so wɔ hɔ.


Mma nkumaa, berɛ tiaa bi na aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso.


Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekorɔ? Yesu buaa no sɛ: Faako a merekorɔ no, wontumi nni m’akyi seesei; na akyire yi na wobɛdi m’akyire.


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ m’Agya no yɛ kɛseɛ sene me.


Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo yeinom mamfiri mfitiaseɛ, ɛfiri sɛ me ne mo na na ɛwɔ hɔ.


Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


Na yɛnim sɛ, sɛ wɔnya dwiri yɛn asase so ntomadan yi a, yɛbɛnya efie a ɛfiri Onyankopɔn, ɛdan a wɔamfa nsa ansie, a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.


Ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuo, na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nti yɛmmɛnya nkwagyeɛ.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


Na ɔtwɛn kuro a ɛwɔ fapem a ne kyekyefoɔ ne yɛfoɔ ne Onyankopɔn.


Na yɛnni kuro a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom deɛ ɛbɛba no akyiri kwan na yɛhwehwɛ.


deɛ odikanfoɔ bi hyɛnee hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panin.


Emu na Honhom Kronkron kyerɛ yei pefee sɛ, ɛberɛ a wɔnnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛeɛ no, na ntomadan a ɛdi kan no da so si hɔ.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan